Judges 17

Mika Ahoni

1Ɔbarima bi tenaa Efraim bepɔw asase so a na wɔfrɛ no Mika. 2Da koro bi, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Metee sɛ wodomee ɔkorɔmfo a owiaa wo nnwetɛbona kilogram du abien ne fa fii wo nkyɛn no. Nnwetɛbona no wɔ me nkyɛn. Me ara na mefae.”

Ne na kae se, “Awurade nhyira wo, me ba.”
3Ɔde nnwetɛbona kilogram du abien ne fa no maa ne na no, ne na no kae se, “Metew me nnwetɛbona yi ho ma Awurade. Mɛma wɔayɛ ohoni a wɔde dwetɛ agu. Mɛsan de ama wo.”

4Enti ne na de nnwetɛbona ahannu kɔmaa dwetɛdwumfo na ɔde yɛɛ ohoni. Na wɔde sii Mika fi. 5Mika yɛɛ nsɔre so na ɔyɛɛ asɔfotade ne ne fifo ahoni kaa ho. Ɛnna ɔhyɛɛ ne mmabarima no mu baako sɔfo. 6Saa bere no na Israel nni ɔhene, nti na nnipa no yɛ nea wɔpɛ biara.

7Da bi, Lewini aberante bi a ofi Betlehem a ɛwɔ Yuda 8beduu saa beae hɔ wɔ Efraim asase so a ɔrehwehwɛ baabi foforo atena. Ɛbae sɛ, ɔkɔsoɛɛ wɔ Mika fi. 9Mika bisaa no se, “Ɛhe na wufi?”

Ɔno nso buae se, “Meyɛ Lewini a mifi Betlehem wɔ Yuda na merehwehwɛ baabi atena.”

10Mika ka kyerɛɛ no se, “Wo ne me ntena ha, na wobɛyɛ agya ne ɔsɔfo ama me. Mɛma wo nnwetɛbona gram ɔha ne dunan afe biara; mɛma wo ntade ne aduan.” 11Lewini no penee so na ɔbɛyɛɛ sɛ Mika mmabarima no mu baako. 12Enti Mika hyɛɛ Lewini no sɔfo, na ɔtenaa Mika fi. 13Na Mika kae se, “Minim sɛ Awurade behyira me, efisɛ mewɔ Lewini a ɔresom sɛ me sɔfo.”
Copyright information for TwiAKNA